أَلْفٍ صَلَّى الله عَلَى زَيْنِ الْوُجُودْ
Allah nhyira apem nka abɔdeɛ mu fɛyɛ no.
Ak
أَلْفٍ صَلَّى الله عَلَى زَيْنِ الْوُجُودْ
مَنْ سَكَنْ طَيْبَة وَخَيَّمْ في زَرُودْ
Onyankopɔn nhyira mpem nka abɔdeɛ ahoɔfɛ
Nea ɔtenaa Tayba na ɔsii ne ntomadan wɔ Zarud
يَا بُدُورَ الْحَيِّ يَا رَبْعَ الْكِرَامْ
بَلِّغُو ظَبْيَ الْحِمَى مِنِّي السَّلَامْ
O mpɔtam hɔ ɔsram mma, O anuonyamfoɔ tenabea
Mommɛkyia kronkronbea hɔ wiratwa mma me
إِنْ تَهَتَكْنَا عَلَيْكُمْ لَا نُلَامْ
غَلَبَ الْوَجْدُ عَلَيْنَا وَ الْغَرَامْ
Sɛ yɛpa yɛn ho animguaseɛ gu mo nti a yɛnfata animka
Na akɔnnɔ ne ɔdɔ kɛseɛ adi yɛn so nkunim
لَا يَنَامُ اللَّيْلَ عَاشِقْ مُسْتَهَامْ
إِنَّمَا النَّومُ عَلَى الْعَاشِقْ حَرَامْ
Ɔdɔfoɔ a ne ho aka no nna anadwo
Na ampa nna yɛ akyiwadeɛ ma ɔdɔfoɔ
سَادَتِي إِنْ لَمْ تَحِنُّو بِاللِّقَا
مِتُّ وَجْدًا فَلَكُمْ طُولُ الْبَقَاء
Me wuranom, sɛ mo anhu me mmɔbɔ wɔ nhyiamu mu a
Mɛwu wɔ akɔnnɔ mu, na mo deɛ nkwa a ɛnsa na ɛwɔ hɔ ma mo
أَنَا إِنْ لَمْ أَهْوَا غِزْلَانَ النَّقَاء
أَيُّ فَرْقٍ بَيْنَ قَلْبِي وَ الْجَمَادْ
Sɛ manna anwea kronkron so wiratwa ho dɔ a
Nsonoeɛ bɛn na ɛda m’akoma ne ɔboɔ a nkwa nnim ntam?
آنَسَ اللهُ بِكُمْ أَوْقَاتَنَا
وَسَقَى وَادِيكُمُ فَيْضَ الْغَمَامْ
Onyankopɔn mfa mo nhyira yɛn mmerɛ
Na omununkum mu nsuo pii nhwie ngu mo bon mu