مِنْ جَمَالِ الْكَوْنِ خَمْرِي
Wiase ahofɛ mu na me nsa firi.
Ak
مِنْ جَمَالِ الْكَوْنِ خَمْرِي
ذَقْتُهُ صِرْفاً حَلَالَا
Wiase fɛyɛ mu na me nsa firi
Maka n’asɛm amapa na ɛyɛ kwan so
وَهْوَ مِنْ أَوْصَافِ بَدْرِي
قَدْحَوَى ذَاكَ الْجَمَالَا
Efiri me bosoom kɛseɛ no su mu
Ɛyɛ fɛyɛ a ɛmu yɛ pɛ koraa
وَجْهٌ قَدْ لَاحَ سَنَاهْ
وَالْكَوْنُ غَدَا مِرْآهْ
Anim a n’animnyam ahyerɛn
Na wiase nyinaa ayɛ ne hwehwɛm mfonini
إِنْ رُمْتَ فُؤَادِي لِقَاهْ
فَاجْعَلْ هَوَاكَ هَوَاهْ
Sɛ wo kɔma hwehwɛ sɛ ɛne No hyia a
Ma wo dɔ nyinaa nnyina Ne dɔ so
أَنَا بِالْرُّوْحِ سَمَاءُ
أَنَا بِالْجِسْمِ هَبَاءُ
Wɔ honhom mu no meyɛ ɔsoro kɛseɛ
Wɔ nipadua mu no meyɛ mfutuma nko
أَنَا زَهْرٌ أَنَا مَاءُ
تِهْتُ مِنْ وَجْدِي دَلَالَا
Meyɛ nhwiren meyɛ nsuo
Mayera wɔ m'anigyeɛ dɔ dɛɛdɛ no mu
وَالْرُّوْحُ رَقَى مَرْقَاهْ
وَالْقَلْبُ غَدَا يَرْعَاهْ
Honhom no kɔɔ soro wɔ ne dibea korɔn no
Na akoma no bɛhwɛɛ no so yie
وَالْجِسْمُ سَعَى مَسْعَاهْ
لِيَنَالَ بِذَاكَ مُنَاهْ
Na nipadua no tuu mmirika wɔ ne kwan so
Sɛnea ɛbɛnya ne kɔn dɔ kɛseɛ no
يَا عَذُوْلاً لَامَ جَهْلاً
مُغْرَماً قَدْ نَالَ وَصْلَا
O obi a wokasakasa wɔ nkwaseasɛm mu
Wotia ɔdɔfoɔ a wanya nkabom amapa
إِنْ تَلُمْ صِدْقاً سَتُبْلَى
وَتَذُوْقُ الْحُبَّ حَالاَ
Sɛ wokasa tia no nokware mu a wɔbɛsɔ wo ahwɛ
Na wobɛka saa dɔ yi hwɛ amonom hɔ ara
بِفَنَائِكَ عَنْ سِوَاهْ
تَأْوِيْ لِفِنَاءِ بَقَاهْ
Nam wo ho a wuyi firi biribiara ho gye No nko
Wanya nkwagyeɛ wɔ Ne tena a ɛni awieeɛ no mu
وَبِبَرْدِ شَرَابِ رِضَاهْ
يُطْفِي الْفُؤَادُ جَوَاهْ
Na ɛnam Ne dɔ nsuonwinwi a ɛyɛ dɛ nti
Akoma mu hyehyeehyee nyinaa adum
صَلَوَاتُ اللهِ تُهْدَى
مِنْ جَمِيْعِ الْطِّيْبِ أَنْدَى
Ma Allah mpaebɔ nnu ne nkyɛn
Ɛyɛ huam dodo sene aduhuam biara
لِرَسُوْلٍ قَدْ تَبَدَّى
نُوْرُهُ يَمْحُو الْضَّلَالَا
Nnu Ɔsomafoɔ a ɔpuee no so
Ne kanea no pepaa mfomsoɔ nyinaa firi hɔ
بِسَلامٍ لا يَتَنَاهْ
وَالْاَلِ أُهَيْلِ الْجَاهْ
Ne asomdwoe a ɛni awieeɛ
Nnu ne mma ne n’abusuafoɔ, animuonyamfoɔ no so
وَالْصَّحْبِ وَمَنْ وَالَاهْ
وَجِيْعِ رِجَالِ الله
Ne nnamfonom ne wɔn a wɔdi wɔn akyi
Ne Allah mmarima nyinaa