مَا مَدَّ لِخَيْرِ الْخَلْقِ يَدَا
Extend Your Hand
Ak
الله الله الله الله الله الله
لَا إِلَٰهَ إِلَّا ٱللَّٰهْ
Onyame Onyame Onyame Onyame Onyame Onyame
Obiara nni hɔ a ɔfata ɔsom gye Allah
مَا مَدَّ لِخَيْرِ الْخَلْقِ يَدَا
أَحَدٌ إِلَّا وَبِهِ سَعِدَا
Obiara mmetee ne nsa mmaa abɔdeɛ mu nea ɔye kyɛn biara
gye sɛ ɔnam ne so anya anigye ne nhyira
فَلِذَاكَ مَدَدْتُ إِلَيْهِ يَدِي
وَبِذَلِكَ كُنْتُ مِنَ الْسُّعَدَا
Ɛno nti na mateɛ me nsa makɔ ne nkyɛn
na ɛnam yei so na mabɛka nhyirafoɔ ho
بَابٌ لِلَّهِ سَمَا وَعَلَا
شَرَفاً وَامْتَازَ بِكُلِّ عُلَا
Ɔyɛ ɛpono a ɛkɔ Onyame nkyɛn a ɛkorɔn yie
wɔ anuonyam mu na ɔda nso wɔ sorokɔ biara mu
وَالْكُلُّ بِدَعْوَتِهِ اتَّصَلَا
بِاللهِ وَحَازَ بِهِ الْمَدَدَا
Na obiara nam ne frɛ so na ɛka bɔ Onyame ho
na ɔnam ne so nyaa mmoa ne mfasoɔ
إِنِّي فِي الْعُسْرِ وَفِي الْيُسْرِ
بِحِمَاهُ أَلُوذُ مَدَى الْعُمْرِ
Nokorɛm, amanehunu ne ahotɔ mmerɛ mu
meguane kɔ ne nkyɛn m'asetena nyinaa mu
وَأَقُولُ أَغِثْنِي يَا ذُخْرِي
وَأَنِلْنِي مِنْ كَفَّيْكَ نَدَا
Na meka sɛ: "Boa me, O m'adehyedeɛ"
na ma me mfasoɔ ne ayamye firi wo nsa mu
وَعَلَيْنَا تَعَطَّفْ يَا أَمَلِي
بِشِفَاءِ الْقَلْبِ مِنَ الْعِلَلِ
Hu yɛn mmɔbɔ, O m'anidasoɔ
fa akoma ayaresa firi nyarewa mu ma yɛn
أَيَكُونُ مُحِبُّكَ فِي وَجَلٍ
وَبِجَاهِكَ لَا أَخْشَى أَحَدَا
Enti wo dɔfo bi bɛtumi abɔ hu anaa?
Na wo dibea nti minsuro obiara
لَا أَرْجُو غَيْرَكَ إِنْ جَارَا
دَهْرِي وَعَدِمْتُ الْأَنْصَارَا
Menhwɛ obiara kwan gye wo nkoaa sɛ mmerɛ yi hyɛ me so a
na sɛ mennya aboafoɔ biara a
بِحَيَاتِكَ أَلْقِ الأَنْظَارَا
كَرَماً يَا أَفْضَلَ مَنْ سَجَدَا
Nam wo nkwa so, hwɛ me anim
wɔ ayamye mu, O wo a woyɛ obiara a ɔkotow Onyame mu deɛ ɔkyɛn biara
أَنْتَ الْمُخْتَارُ مِنَ القِدَمِ
يَا خَيْرَ شَفِيعٍ فِي الأُمَمِ
Wo ne nea wɔpawee firi mmerɛ a ɛkyɛeɛ
O mman nyinaa mu ntentenmufoɔ a woyɛ kyɛn biara
وَبِنُورِكَ مِنْ بَعْدِ الْعَدَمِ
وَجْهُ الْتَّكْوِينِ زَهَا وَبَدَا
Na ɛnam wo hann so wɔ mmerɛ a hwee nni hɔ akyi
na abɔdeɛ anim baeɛ na ɛhyerɛnee
وَصَلَاةُ اللهِ بِلَا حَصْرِ
لَكَ تُهْدَى يَا سَامِي الْقَدْرِ
Na Onyame nhyira a anohyetoɔ nni ho
yɛde kyɛ wo, O wo a wo dibea korɔn yie
وَالْآلِ مَعَ الْصَّحْبِ الْغُرِّ
مَا حَادِي الْعِيسِ نَشَا وَصَدَى
Ne w'abusuafoɔ ne wo nnamfoɔ anuonyamfoɔ no nso
mmerɛ tenten a yoma kwan kyerɛfoɔ bɛto dwom na ɛbɛgye soɔ no