لِي فِي المَدِينَةِ أَحْبَابٌ إِذَا نَظَرُوا
I Have Beloveds In Medina; When They Gaze Upon Me
Ak
لِي فِي المَدِينَةِ أَحْبَابٌ إِذَا نَظَرُوا
إِلَيَّ وَلَّتْ هُمُومِي وَانْجَلَى الضَّرَرُ
Mewɔ adɔfo wɔ Medina a sɛ wɔhwɛ me a
m'adwendwen kɔ na amanehunu nyinaa gyae
وَأَصْبَحَ القَلْبُ فِي أُنْسٍ وَفِي فَرَحٍ
جَمٍّ وَصَاحَبَنِي التَّوْفِيقُ وَالظَّفَرُ
Na m'akoma anya ahomeka ne anigye
kɛse, na nhyira ne nkonimdie adi m'akyi
يَا أَهْلَ طَيْبَةَ هَيَّا إِنَّنِي دَنِفٌ
وَإِنَّنِي لِلَّذِي أَمَّلْتُ مُنْتَظِرُ
O Taybafoɔ, mommra na m'akoma ayɛ dɔ yaw
na mede anidasoɔ retwɛn deɛ mehwehwɛ no
جَرَتْ عَوَائِدُكُمْ أَنَّ المُحِبَّ إِذَا
نَادَاكُمُ بِلِسَانِ الحُبِّ يَنْجَبِرُ
Mo amanneɛ ne sɛ ɔdɔfo biara a
ɔbɛfrɛ mo wɔ dɔ kasa mu no, ne werɛ kyekye
وَالحُبُّ مِلْءُ جَنَانِي بَلْ تَجَسَّمَ فِي
شَخْصٍ عَلَى صُورَتِي إِنْ دَلَّتِ الصُّوَرُ
Na ɔdɔ ahyɛ me mu ma, mpo ayɛ nipadua
wɔ me su mu, sɛ mfonini kyerɛ ampa a
يَا سَيِّدَ الرُّسْلِ أَدْرِكْنِي فَمَا بَقِيَتْ
لِي حِيلةٌ غَيْرُ حُبٍّ مِنْكَ مُدَّخَرُ
O Asomafoɔ mu panyin, boa me efisɛ
menyɛɛ hwee bio sɛ dɔ a makora ama wo no
لِلَّهِ مِيلادُكَ الغَالِي الذِي سَعِدَتْ
بِهِ البَسِيطَةُ وَانْجَابَتْ بِهِ الغِيَرُ
Onyame nhyira wo awoɔ somboɔ no a ɛmaa
wiase nyaa anigye na awerɛhoɔ sesɛee
يَوْمٌ بِهِ ضَاءَتِ الدُّنْيَا فَمَا طَلَعَتْ
شَمْسٌ عَلَى مِثْلِهِ فِيهَا وَلَا قَمَرُ
Ɛda a ɛmaa wiase hyerɛnee, a owia
anaa bosome biara mpuee wɔ ɛda a ɛte saa so
تَحِيَّةٌ لَكَ مِنْ قَلْبٍ مُعَطَّرَةٌ
يَزِيدُ عَرْفَ شَذَاهَا رَوْحُكَ العَطِرُ
Nkyia firi akoma a ne hua yɛ huam mu kɔma wo
na wo honhom kronkron no hyɛ ne hua mu den
وَقَائِلٍ لِيْ مَا تَشْتَاقُ قُلْتُ لَهُ
أَشْتَاقُ طَيْبَةَ شَوْقاً لَيْسَ يَنْحَصِرُ
Na obi bisaa me sɛ "Dɛn na wopɛ?", na meka kyerɛɛ no sɛ
"Mepɛ Tayba yie a n'ano nni kɔbeae"
يَا قَائِدَ الجَوِّ أَنْزِلْنِي إِذَا لَمَعَتْ
لِعَيْنِكَ القُبَّةُ الخَضْرَاءُ وَالحُجَرُ
O wimhyɛnkafoɔ, ma me nsiane na sɛ wuhu
ɛdan bun tenten no ne mpia no a ɛhyerɛn no
هُنَاكَ أَقْصِدُ شُبَّاكَ الرَّسُولِ لِكَي
أَسْتَغْفِرُ اللهَ حَيْثُ الذَّنْبُ يُغْتَفَرُ
Ɛhɔ na mɛkɔ Ɔsomafoɔ no mpoma ho
akɔsrɛ Onyame bɔnefakyɛ, ɛhɔ na bɔne fakyɛ wɔ
عَلَيْكَ صَلَاةُ اللهِ مَا تُلِيَتْ
فِي حَفْلِ مِيلادِكَ الآياتُ والسُوَرُ
Onyame nhyira nka wo mmerɛ biara a
wɔbɛkenkan Kyerɛwsɛm ne nkyekyɛmu wɔ w'awoɔ afahyɛ mu
والآلِ والصَحْبِ وَالأَتْبَاعِ قَاطِبَةً
والغَوثِ والقطبِ والأحبَابِ إذْ حَضَرُوا
Ne w'abusua, wo nnamfo ne w'akyidifoɔ nyinaa
ne mmoafoɔ, mpanyinfoɔ ne adɔfoɔ a wɔahyia hɔ no