هَذَا الْمَقَامُ الَّذِي لَاذَتْ بِهِ الْأُمَمُ
Eyi ne gyinabea a amanaman hwehwɛɛ dwanekɔ wɔ hɔ.
Ak
هَذَا الْمَقَامُ الَّذِي لَاذَتْ بِهِ الْأُمَمُ
وَأَذْعَنَتْ لِعُلَاهُ الْعُرْبُ وَالْعَجَمُ
Oyɛ gyinabea a amanaman hwehwɛ ahobammɔ wɔ hɔ
na Arabfoɔ ne amanfrafoɔ abrɛ wɔn ho ase ama ne korɔn.
هَذَا مَقَامُ رَسُولِ اللَّهْ أَكْرَمُ مَنْ
جَاءَتْهُ مِنْ رَبِّهِ الْأَحْكَامُ وَالْحِكَمُ
Wɔi ne Onyankopɔn Bɔfoɔ gyinabea, deɛ ɔyɛ nidi mu kɛseɛ kyɛn obiara a
Onyankopɔn mmara ne nyansa firi ne Wura nkyɛn baa ne nkyɛn.
هَذَا مُحَمَّدُ الْهَادِي الَّذِي مُحِيَتْ
عَنَّا بِنُورِ هُدَاهُ الْظُّلْمُ وَ الْظُّلَمُ
Wɔi ne Muhammad Akwankyerɛfoɔ no, deɛ ne kwan kyerɛ kanea
apopa esum ne amumuyɔ nyinaa afiri yɛn so.
هَذَا الَّذِي قَدْ سَمَا فَوْقَ الْسَّمَا
إِلَى مَقَامِ عِزٍّ تَنَاهَتْ دُونَهُ الْأُمَمُ
Wɔi ne deɛ ɔpue kɔɔ sorosoro traa ewiem
kɔduruu anuonyam gyinabea a amanaman foforɔ ntumi nnduru hɔ.
يَا سَيِّدِي يَا رَسُولَ اللَّهْ يَا أَمَلِي
يَا مَنْ أَلُوذُ بِهِ إِنْ زَلَّتِ الْقَدَمُ
O me wura, O Onyankopɔn Bɔfoɔ, O m’anidasoɔ
O wo a metwane me ho gu wo so sɛ me nan watiri a.
بِكَ اهْتَدَيْتُ إِلَى الْإِيمَانِ فَاتَّصَلَتْ
بِذَاكَ عِنْدِي مِنْ أَفْضَالِكَ الْنِّعَمُ
Ɛnam wo so na menyaa gyidi kwan, na ɛfiri ɛno mu
na wo dom nhyira ahoroɔ atoa so aba me nkyɛn.
صَلَّى عَلَيْكَ إِلَهُ الْخَلْقِ مَا سَجَعَتْ
وَرْقٌ وَمَا هَطَلَتْ مِنْ سُحْبِهَا دِيَمُ
Abɔdeɛ Wura nhyira wo mmerɛ tenten a
abrɔnom bɛsu na nsuo atɔ firi omununkum mu.