مَعَانِي قَدْ بَدَتْ عِنْدِي غَرِيبَهْ
Nkyerɛase Anwanwa Bi Apue Me
Ak
Ak
مَعَانِي قَدْ بَدَتْ عِنْدِي غَرِيبَهْ
وَمَا تُفْضِي إِلِيْهْ بَعْدُ أَغْرَبْ
Nteaseɛ nwanwasoɔ bi apue m’adwene mu
Na deɛ ɛde kɔ no yɛ nwanwa koraa
مِنَحْ مِنْ فَضْلِ مَوْلَانَا عَجِيبَهْ
وَمَاذَا فِي عَطَاهُ لَيْسَ أَعْجَبْ
Akyɛdeɛ a ɛfiri yɛn Awurade adom mu yɛ nwanwa
Na n’akyɛdeɛ mu deɛ ɛnyɛ nwanwa ne deɛ ɛwɔ he?
وَعِيدُ الْصَّبِ أَنْ يَلْقَى حَبِيبَهْ
وَسُبْحَانَ الَّذِي قَرَّبْ وَحَبَّبْ
Ɔdɔfoɔ anigyeɛ ne sɛ ɔbɛhyia ne Dɔfoɔ
Ayɛyie nka Nea ɔtwe yɛn bɛn Ne ho na ɔdɔ yi firi Ne hɔ
مَعِي أَقْوَامْ فِي أَعْلَى كَتِيبَهْ
لَهُمْ أَسْرَارْ لَا تُحْصَى وَتُكْتَبْ
Me ne nkorɔfoɔ a wɔkorɔn yie na ɛnam
Wɔwɔ sunsum mu ahintasɛm a wɔntumi nkan anaa wɔntwerɛ
مَوَاهِبْ عَالِيَةْ مَا هِيْ كَسِيبَهْ
وَإِحْسَانُ الْمُهَيْمِنْ لَيْسَ يُحْسَبْ
Akyɛdeɛ a ɛkorɔn ni, ɛnyɛ abrɛ na ɛde ba
Na Banbɔfoɔ no papayɛ no deɛ, obi ntumi mmu nkaboa
وَمَنْ لُهْ سَابِقَهْ يُدْرِكْ نَصِيبَهْ
مُوَفَّى دُونَ أَنْ يَشْقَى وَيَتْعَبْ
Obiara a adom nkrabea di n'anim no bɛnya ne kyɛfa
Wɔde bɛma no nyinaa a ɔmmerɛ na ɔnhyia amane
وَنَفْحَةُ بَاسِطِ الْنَّعْمَى قَرِيبَهْ
تَعَرَّضْ يَا فَتَى مِنْهَا تَقَرَّبْ
Nea Ɔtrɛ adom mu no mframa dɔkɔdɔkɔ no bɛn
Aberanteɛ, fa wo ho to hɔ na fa bɛn no
عَسَى الْمَكْلُومْ أَنْ يَلْقَى طَبِيبَهْ
فَيُضْحِي الْعِيْشْ لُهْ أَطْيَبْ وَأَطْيَبْ
Ebia obi a wapira bɛhu ne Safoɔ
Na abraboɔ ayɛ dɛ na afiri mfi mu ama no koraa
وَصَلَّى اللهُ مَا أَفْهَامٌ نَجِيبَهْ
وَعَتْ قَوْلاً بِمَاءِ الْعَيْنِ يُكْتَبْ
Nyankopɔn nhyira nka yɛn, mmerɛ a adwene pa
Te nsɛm a ɛfata sɛ wɔde anisuo twerɛ
عَلَى خَيْرِ الْوَرَى الْهَادِي حَبِيبِهْ
وَآلِهْ وَالَّذِي لِلْطُّهْرِ يَصْحَبْ
Nhyira nka abɔdeɛ mu nea ɔkyɛn biara, Ɔkwankyerɛfoɔ ne Ne Dɔfoɔ
Ne n’abusuafoɔ ne wɔn a wɔne no nam wɔ ahotew mu