لِغَيْرِ جَمَالِكُمْ نَظَرِي حَرَامُ
M'anihwɛ yɛ akyiwadeɛ ma biribiara gye mo ahoɔfɛ.
Ak
لِغَيْرِ جَمَالِكُمْ نَظَرِي حَرَامُ
وَغَيْرُ كَلَامُكُمْ عِنْدِي كِلَامُ
Me n'ani kyerɛ mo ahoɔfɛ nko ara, obi foforo deɛ yɛ akyiwade
Na mo kasa ne asɛm pa, afoforo deɛ ɛnyɛ hwee koraa
وَعُمْرُ الْنَّسْرِ مِنْكُمْ بَعْضُ يَوْمٍ
وَسَاعَةُ غَيْرِكُمْ عَامٌ فَعَامُ
Akɔreɛ mfeɛ pii wɔ mo nkyɛn yɛ adagyeɛ kakra pɛ
Na afoforo dɔnhwere baako yɛ mfeɛ pii a ɛtoatoa so
وَصَبْرِي عَنْكُمُ شَيْءٌ مُحَالٌ
وَمَا لِي قَاتِلٌ إِلَّا الْفِطَامُ
M'abotare wɔ mo nkyɛn nteetee mu yɛ adeɛ a ɛrentumi mma
Na biribiara nni hɔ a ɛbɛkum me gye mo ho mpaapaemu
إِذَا عَايَنْتُكُمْ زَالَتْ هُمُومِيْ
وَإِنْ غِبْتُمْ دَنَا مِنِّيْ الْحِمَامُ
Sɛ mehu mo a me haw ne me nidi nyinaa tu yera
Na sɛ mo nni hɔ a, na owuo abɛn me koraa
أَوَدُّ بِأَنْ أَكُونَ لَكُمْ جَلِيسًا
وَتُنْصَبَ لِي بِرَبْعِكُمُ خِيَامُ
Me pɛ sɛ mɛtena mo nkyɛn mmerɛ nyinaa sɛ ɔhɔhoɔ
Na masiesie me ntomadan wɔ mo tenabea hɔ
فَدَاوُوا بِالْوِصَالِ مَرِيضَ هَجْرٍ
يَهِيمُ بِكُمْ إِذَا سَجَعَ الْحَمَامُ
Momfa nkabom nsa m'akoma a mpaapaemu ayɛ no yareɛ
Ɔne mo di mmerɛ a aburuburo resu dɛdɛɛdɛ
حَدِيثُ غَرَامِهِ فِيكُمْ قَدِيمٌ
وَمَلْبَسُهُ مِنَ الْحُبِّ الْسِّقَامُ
Ne dɔ asɛm a ɛfa mo ho no firi tete koraa
Na ɔdɔ nti, yareɛ abɛyɛ ne ntadeɛ a ɔhyɛ
فَأَنْتُمْ فِي الْأُصُولِ أَجَلُّ أَصْلٍ
إِذَا شِئْتُمْ تَحَصَّلَ لِي الْمَرَامُ
Efisɛ mo ne mfifiri a ɛso bi nni koraa
Sɛ mo pɛ a, na m'ahiadeɛ nyinaa bɛba mu
بِكُمْ صَعْبُ الْأُمُورِ يَعُودُ سَهْلًا
فَبِالْإِحْسَانِ جُودُوا يَا كِرَامُ
Mo nti na nsɛm a ɛyɛ den nyinaa yɛ mmerɛ
Enti monyi mo yam nhyira yɛn, mo a mo yɛ animuonyamfoɔ
وَلَيْسَ سِوَاكُمُ لِلْجُودِ أَهْلًا
فَكَيْفَ نَزِيلُ سُوحِكُمُ يُضَامُ
Na obiara nni hɔ a ɔfata adɔyeɛ gye mo nko ara
Enti ɛbɛyɛ dɛn na ɔhɔhoɔ a ɔwɔ mo nkyɛn bɛhu amane?